Dwom 121:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ! Deɛ ɔwɛn Israel no,+Ɔrentɔ nko na wada.+ Dwom 121:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Awia renhye wo awiaberɛ,+Na bosome nso rempira wo anadwo.+ Mmebusɛm 3:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɛno na wobɛnante dwoodwoo+ wo kwan soɔ, na wo nan rempem biribi.+ Yesaia 43:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Sɛ wotwa nsuo+ a, mɛdi w’akyi;+ wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wonam egya mu a, ɛrenhye wo, na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.+ Yesaia 60:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Hwɛ, esum bɛkata+ asase so na esum kabii akata amanaman so, nanso Yehowa bɛhyerɛn ama wo na n’animuonyam ada adi wo so.+
2 Sɛ wotwa nsuo+ a, mɛdi w’akyi;+ wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wonam egya mu a, ɛrenhye wo, na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.+
2 Hwɛ, esum bɛkata+ asase so na esum kabii akata amanaman so, nanso Yehowa bɛhyerɛn ama wo na n’animuonyam ada adi wo so.+