Deuteronomium
33 Ansa na nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose+ rebɛwuo no, ɔhyiraa+ Israelfoɔ no. 2 Ɔkaa sɛ:
“Yehowa firi Sinai baeɛ,+
Na ɔfiri Seir puee wɔn so.+
Ɔhyerɛn firii Paran bepɔ so,+
Na abɔfo kronkron huhaa ka ne ho,+
Wɔn nnɔmmarima wɔ ne nsa nifa so.+
“Yehowa, tie Yuda adesrɛ,+
Na fa no bra ne nkurɔfoɔ nkyɛn.
Ne nsa ako ama no;
Boa no gye no firi n’atamfo nsam.”+
8 Deɛ ɔka faa Lewi ho nso nie:+
“Wo Tumim ne Urim*+ yɛ deɛ ɔdi wo nokorɛ no dea,+
Deɛ wosɔɔ no hwɛɛ wɔ Masa no.+
Wo ne no dii asie Meriba nsuo ho.+
9 Ɔno na ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ, ‘Menhuu no.’
Ne nuanom mpo ɔpoo wɔn,+
Na ne mma nso, na ɔnnim wɔn.
Wɔdii w’asɛm so,+
Na wɔkuraa w’apam mu.+
10 Ma wɔmfa w’atemmusɛm nkyerɛkyerɛ Yakob+
Na wɔmfa wo mmara nkyerɛkyerɛ Israel.+
Ma wɔnhye aduhwam wo hwene ano pɛɛ,+
Na wɔmmɔ afɔdeɛ mũ w’afɔrebukyia so.+
11 Yehowa, hyira no ma no ahoɔden,+
Na ma w’ani nnye ne nsa ano adwuma ho.+
Wɔn a wɔsɔre tia no no, hwan wɔn dwonku,+
Na wɔn a wɔkyiri no nso yɛ wɔn saa ara, na wɔansɔre bio.”+
12 Deɛ ɔka faa Benyamin ho nie:+
“Ma deɛ Yehowa dɔ no+ no ntena ne nkyɛn dwoodwoo,+
Ɔmmɔ ne ho ban da mũ nyinaa,+
Na ɔmfa no nsi akɔnkɔn.”+
13 Deɛ ɔka faa Yosef ho nso nie:+
“Yehowa nhyira n’asase daa,+
Na ɔmma no ɔsoro nnepa, ɔsoro bosuo,+
Ne subunu a ɛwɔ fam.+
Na ɔmma no nnepa, bosome biara deɛ.+
15 Ɔmma no apueeɛ mmepɔ so nnepa,+
Ne nkokoɔ a ɛtim hɔ daa so nnepa.
16 Ɔmma no asase so nnepa ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa bi,+
Na ɔnnya deɛ ɔte nkyɛkyerɛ mu no anim adom.+
Ne nyinaa mmra Yosef atifi,+
Ɛmmra deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no apampam.+
17 N’animuonyam te sɛ nantwinini abakan,+
Na ne mmɛn yɛ ɛkoɔ mmɛn.+
Ɔde bɛpiapia aman+
Na wɔn nyinaa akɔgu asase ano,
Ɛno ne Efraim ɔpedudu,+
Ne Manase mpempem.”
18 Deɛ ɔka faa Sebulon ho nso nie:+
“Sebulon, ma w’ani nnye w’akwantuo mu,+
Isakar nso, wo ntomadan mu.+
19 Wɔbɛfrɛ nnipa akɔ bepɔ so.
Ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ.+
Na wɔbɛfe po mu agyapadeɛ bebree+
Ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.”
Ɛhɔ na mmarahyɛfoɔ kyɛfa wɔ.+
Na ɔman no mpanimfoɔ bɛhyia.
Ɔbɛda Yehowa tenenee adi,
Ne n’atemmusɛm wɔ Israel ho.”
23 Deɛ ɔka faa Naftali ho nso nie:+
“Yehowa adom amee Naftali,
Na ne nhyira ayɛ no mã.
Fa atɔeɛ ne anafoɔ di so.”+
24 Deɛ ɔka faa Aser ho nso nie:+
“Wɔde mma bɛhyira Aser.+
Ma ne nuanom nnye no ntom,+
Na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.+
26 Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun+ nokorɛ Nyankopɔn no,+
Ɔno na ɔnam soro boa woɔ+
Na ɔnam wiem mununkum mu n’animuonyam mu.+
27 Tete Nyankopɔn ne wo dwankɔbea,+
Ne basa wɔ w’ase daa.+
Ɔbɛpamo w’atamfo afiri w’anim,+
Na ɔbɛka sɛ, ‘Sɛe wɔn!’+