Yesaia
55 Hwɛ, mo a sukɔm de mo nyinaa!+ Mommra nsuo ho.+ Wɔn a wɔnni sika nso mmra. Mommra mmɛtɔ na monni.+ Mommɛtɔ nsã+ ne nufosuo;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ na ɛboɔ biara nna so.+ 2 Adɛn nti na motua sika tɔ deɛ ɛnyɛ aduane, na adɛn nti na mobrɛ biribi a ɛmmee ho?+ Monyɛ aso ntie me, na monni adepa,+ na sradeɛ nyɛ mo kra dɛ.+ 3 Monyɛ aso+ na mommra me nkyɛn.+ Montie na mo kra nnya nkwa,+ na me ne mo bɛyɛ daa apam,+ adɔeɛ a Dawid nyaeɛ a ɛyɛ nokorɛ no ho.+ 4 Hwɛ, mede no ayɛ+ amanaman+ danseni,+ amanaman kannifoɔ+ ne ɔsahene.+
5 Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonnim wɔn,+ na ɔman a wɔnnim woɔ de mmirika bɛba wo nkyɛn,+ Yehowa wo Nyankopɔn nti,+ Israel Kronkronni no nti,+ ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.+
6 Monhwehwɛ Yehowa berɛ a mobɛhu no.+ Momfrɛ no berɛ a ɔbɛn yi.+ 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+
8 “Ɛnyɛ mo adwene ne m’adwene,+ na ɛnyɛ m’akwan ne mo akwan,”+ Yehowa asɛm nie. 9 “Na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,+ saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan,+ na m’adwene korɔn sene mo adwene.+ 10 Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro tɔ gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ma nneɛma fifi na ɛso,+ na ogufoɔ nya aba na odifoɔ nya aduane no,+ 11 saa ara na asɛm a ɛfiri m’anom bɛyɛ.+ Ɛrensan mma me nkyɛn kwa,+ gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ,+ na ɛwie deɛ enti a mesomaeɛ no.+
12 “Mode anigyeɛ bɛkɔ,+ na wɔde mo bɛba asomdwoeɛ mu.+ Mmepɔ ne nkokoɔ de anigyeɛ bɛbɔ ose+ wɔ mo anim na wuram nnua abɔ wɔn nsam.+ 13 Na ɔpopaw dua+ bɛfifi nkasɛɛ ananmu. Ohwamdua bɛfifi nsansono ananmu.+ Na ɛbɛgye din ama Yehowa,+ na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa+ a wɔrentwa ntwene.”