Hesekiel
38 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba,+ fa w’ani si Gog a ɔfiri Magog+ asase soɔ no so, Mesek+ ne Tubal+ ɔberempɔn kunini no, na hyɛ ne ho nkɔm. 3 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini Gog, me ne wo wɔ asɛm. 4 Mɛdane w’adwene na mede akɔtɔkorɔ ahyehyɛ w’afono mu+ de atwe wo ne w’asraafoɔdɔm,+ apɔnkɔ ne ɛsotefoɔ a wɔhyehyɛ ntade fɛfɛ,+ asafodɔm a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne nketewa, wɔn a wɔkurakura nkrantɛ nyinaa;+ 5 ne Persia,+ Etiopia+ ne Put+ a wɔn mu biara wɔ kyɛm ne dadeɛ kyɛ; 6 Gomer+ ne n’asraafoɔ kuo nyinaa, Togarma+ fie a ɛwɔ atifi fam akyirikyiri ne n’asraafoɔ kuo nyinaa, ne aman pii a wɔka wo ho.+
7 “‘“Siesie wo ho na yɛ krado, wo ne w’asafo nyinaa,+ wɔn a wɔaboaboa wɔn ano wɔ wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn hwɛfoɔ.
8 “‘“Nna pii akyi no mɛba abɛhwɛ wo. Na mfeɛ a ɛdi akyire no, wobɛba wɔn a wɔagye wɔn afiri nkrantɛ ano no asase so,+ nnipa a wɔboaboaa wɔn ano firii aman pii so+ baa Israel mmepɔ soɔ, bea a ɛbɛyɛɛ daa amamfõ no. Asase yi sofoɔ na wɔyii wɔn firii aman so baeɛ, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.+ 9 Na wobɛfiri adi aba; wobɛba sɛ ahum,+ te sɛ mununkum abɛkata asase no so,+ wo ne w’asraafoɔ kuo nyinaa ne aman pii a wɔka wo ho.”’
10 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Saa da no, biribi bɛba w’akomam+ na woadwene adwemmɔne.+ 11 Na wobɛka sɛ: “Mɛkɔ asase a ɛho da hɔ no so.+ Mɛba wɔn a biribiara nha wɔn a wɔte hɔ dwoodwoo no so. Yeinom nyinaa tete hɔ a wɔnni fasuo,+ na adaban ne apono mpo wɔnni bi.” 12 Na w’adwene ne sɛ wobɛnya asadeɛ+ ne afomdeɛ pii, na woadane wo nsa aba amamfõ a afei nnipa tete soɔ no so,+ ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman mu+ a wɔanya ahodeɛ ne agyapadeɛ pii no so,+ nnipa a wɔte asase mfimfini no.+
13 “‘Na Saba+ ne Dedan+ ne Tarsis+ adwadifoɔ ne n’agyata+ nyinaa bɛbisa wo sɛ: “Asadeɛ pii a wobɛnya nti na wobaeɛ? Afomdeɛ bebree a wobɛnya nti na woaboaboa w’asafo ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛsoa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ na woafa ahodeɛ ne agyapadeɛ ne asadeɛ pii akorɔ?”’
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no, worenhunu anaa?+ 15 Wobɛfiri wo tenabea wɔ atifi+ fam akyirikyiri aba, wo ne aman pii a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafodɔm kɛseɛ, asraafoɔdɔm bebree.+ 16 Wobɛba me man Israel so te sɛ mununkum abɛkata asase no so.+ Nna a ɛdi akyire no mu na mede wo bɛba m’asase soɔ,+ na sɛ menam wo so te me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.”’+
17 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Adɛn wo+ na menam me nkoa adiyifoɔ a wɔwɔ Israel so kaa wo ho asɛm tete no anaa—adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm afe biara sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no?’+
18 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Ɛda a Gog bɛba Israel asase soɔ no, m’abufuo bɛdɛre wɔ me hwenem.+ 19 M’abufuhyeɛ+ mu, m’anibereɛ gya mu na mɛkasa.+ Na saa da no Israel asase bɛwoso kitikiti.+ 20 Me nti, ɛpo mu mpataa ne wiem nnomaa ne wuram mmoa ne mmoa a wɔwea fam nyinaa ne asase so nnipa nyinaa ho bɛpopo,+ na mmepɔ bɛdwiri agu+ na abotan akɛseɛ abubu na afasuo nyinaa adwiri agu fam.’
21 “‘Na mɛma nkrantɛ aba ne so wɔ me mmepɔ nyinaa so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+ ‘Na obiara bɛtwe nkrantɛ wɔ ne nua so.+ 22 Na mede owuyareɛ+ ne mogya+ ne no bɛdi;+ na mɛma osuo kɛseɛ ne asukɔtweaa+ ne egya+ ne sɔfe atɔ agu ɔne n’asraafoɔ kuo ne aman bebree a wɔka ne ho no so.+ 23 Na mɛhyɛ me ho animuonyam na mate me din ho,+ na mɛda me ho adi wɔ aman pii anim ama wɔahunu sɛ mene Yehowa.’+