Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Ayeyi dwom.
66 Asase so nnipa nyinaa, mommɔ ose mma Onyankopɔn.+
2 Monto dwom nhyɛ ne din animuonyam.+
Momfa ayeyie nhyɛ no animuonyam.+
3 Monka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ: “Hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma yɛ hu fa!+
W’ahoɔden dodoɔ nti w’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo.+
4 Asase so nnipa nyinaa bɛbɔ wɔn mu ase ama wo,+
Wɔbɛto dwom ama wo, wɔbɛto dwom ama wo din.”+ Sela.
5 Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nnwuma.+
Sɛdeɛ ɔne nnipa mma die no yɛ hu.+
6 Wama ɛpo adane asase kesee;+
Wɔde anammɔn twaa asubɔnten no.+
Ɛhɔ na yɛdii ne mu ahurisie.+
7 Ɔde ne kɛseyɛ di tumi daa daa.+
N’ani tua amanaman no.+
Asoɔdenfoɔ deɛ, mommma wɔnnhoahoa wɔn ho.+ Sela.
8 Amanaman, monhyira yɛn Nyankopɔn,+
Na momma wɔnte n’ayeyie.+
9 Ɔde yɛn kra asi nkwa mu,+
Na wamma yɛn nan anwatiri.+
10 O Onyankopɔn, woapɛɛpɛɛ yɛn mu;+
Woanane yɛn ayiyi yɛn mu sɛ dwetɛ.+
11 Woama yɛatɔ atena mu;+
Woama yɛn asene mu ayɛ yɛn duru.
12 Woama ɔdasani atwi afa yɛn tiri so;+
Yɛafa gya ne nsuo mu,+
Na woama yɛanya home.+
13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wo fie;+
Mɛma wo me bɔhyɛ adeɛ+
14 A mebuee m’ano kaeɛ,+
Na me kɛtrɛma kaa no ahokyerɛ mu no.+
15 Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama wo,+
Ne adwennini afɔrebɔ wisie.
Nantwinini ne mpapo na mede bɛbɔ afɔdeɛ.+ Sela.
16 Mo a mosuro Nyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie, na mɛka+
Deɛ wayɛ ama me kra akyerɛ mo.+
17 Ɔno na mede m’ano mefrɛɛ no,+
Na mede me kɛtrɛma kamfoo no.+
18 Sɛ masusu bɔne bi m’akoma mu a,
Anka Yehowa rentie me.+
19 Ampa Onyankopɔn atie me;+
Wayɛ aso ama me mpaebɔ.+
20 Nhyira nka Onyankopɔn a wanyi n’aso amfiri me mpaebɔ ho,
Na wanyi n’adɔeɛ nso amfiri me soɔ no.+