Marko
3 Ɔsan kɔɔ hyiadan bi mu, na na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne nsa awuo.+ 2 Enti wɔhwɛɛ no komm sɛ ebia ɔbɛsa ɔbarima no yareɛ homeda no na wɔabɔ no soboɔ.+ 3 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ne nsa awuo no sɛ: “Sɔre bra mfimfini ha.” 4 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa anaa adebɔne homeda, sɛ wɔgye nkwa anaa wɔkum ɔkra bi?”+ Nanso wɔyɛɛ dinn. 5 Na berɛ a ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ na wɔn akomaden no ahyɛ no awerɛhoɔ no,+ ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Tene wo nsa.” Na ɔteneeɛ, na ne nsa no san yɛɛ yie.+ 6 Ɛno nti Farisifoɔ no firii adi kɔeɛ, na ntɛm ara wɔne Herode akyidifoɔ+ no tuu ne ho agyina sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛku no.+
7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no firi hɔ kɔɔ mpoano; na nnipakuo kɛseɛ firii Galilea ne Yudea dii n’akyi.+ 8 Na berɛ a nnipadɔm pii bi nso a wɔfiri Yerusalem ne Idumea ne Yordan agya ne nkuro a atwa Tiro+ ne Sidon ho ahyia tee nneɛma a ɔreyɛ no, wɔbaa ne nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔnhwehwɛ kodoɔ bi nsi hɔ mma no na nnipakuo no ankyere ne so. 10 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ɔsaa nnipa pii yareɛ, na ɛmaa wɔn a wɔn yareɛ mu yɛ den nyinaa bɛfum ne ho sɛ wɔde wɔn nsa rebɛka no.+ 11 Sɛ ahonhom fĩ+ mpo hu no a, wɔhwe ase n’anim teateam ka sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ 12 Na mprɛ pii no ɔbaraa wɔn sɛ wɔmmma nkurɔfoɔ nnhunu onipa korɔ a ɔyɛ.+
13 Na ɔforo kɔɔ bepɔ bi so frɛɛ wɔn a ɔpɛ,+ na wɔkɔɔ ne nkyɛn.+ 14 Ɛnna ɔyii dumienu yɛɛ wɔn kuo baako, na ɔsan frɛɛ wɔn “asomafoɔ” a wɔbɛka ne ho daa na wasoma wɔn akɔka asɛm no+ 15 na wɔanya tumi de atu adaemone.+
16 Na dumienu a ɔyii wɔn no ne Simon, a ɔtoo ne din Petro,+ 17 ne Sebedeo ba Yakobo ne Yakobo+ nua Yohane (ɔsan too yeinom din Boanerges, a ɛkyerɛ Aprannaa Mma), 18 ne Andrea ne Filipo ne Bartolomeo ne Mateo ne Toma ne Alfeo ba Yakobo ne Tadeo ne Nsiyɛfoɔ Simon 19 ne Yuda Iskariot a akyire yi ɔyii no maeɛ no.+
Na ɔkɔɔ fie bi mu. 20 Na nnipakuo no bɛhyiaa bio, enti wɔantumi annidi mpo.+ 21 Na berɛ a n’abusuafoɔ+ teeɛ no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔkye no, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “N’adwene asɛe.”+ 22 Afei atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: “Ɔwɔ Beelsebub, na ɔde adaemone panin no na ɛtu adaemone.”+ 23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ de mfatoho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan atu Satan? 24 Sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, saa ahennie no rentumi nnyina;+ 25 na sɛ mpaepaemu wɔ fie bi mu a, saa fie no rentumi nnyina.+ 26 Enti sɛ Satan sɔre tia ne ho na ɔne ne ho di asie a, ɔrentumi nnyina, na mmom na n’awieeɛ na ɛreba.+ 27 Nokorɛm no, obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ bi fie akɔfom+ ne nneɛma, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie nneɛma.+ 28 Nokorɛm, mese mo sɛ wɔde adeɛ nyinaa bɛfiri nnipa mma, a bɔne ko a wɔyɛ ne abususɛm a wɔka mfa ho.+ 29 Nanso obiara a ɔka abususɛm tia honhom kronkron no rennya fafirie da, na mmom bɔne ho afobuo da ne so daa.”+ 30 Ɔkaa yei ɛfiri sɛ na wɔrekeka sɛ: “Ɔwɔ honhom fĩ.”+
31 Ɛnna ne maame ne ne nua mmarima+ baeɛ, na wɔgyinaa abɔnten somaa sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra.+ 32 Saa berɛ no, na nnipakuo bi tete ne ho, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten rehwehwɛ wo.”+ 33 Na ɔbua see wɔn sɛ: “Hwannom ne me maame ne me nua mmarima?”+ 34 Na ɔhwɛɛ wɔn a wɔtete ne nkyɛn atwa ne ho ahyia no kaa sɛ: “Hwɛ, me maame ne me nua mmarima nie!+ 35 Obiara a ɔyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”+