14 Enti mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Yuda abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔdii kan tuiɛ. Aminadab ba Naason+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano.
3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.+