Exodus 29:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ Deuteronomium 7:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+ 2 Samuel 7:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Wode wo nkurɔfoɔ Israel atim hɔ sɛ wɔnyɛ wo man afebɔɔ,+ na wo, Yehowa na woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.+ Dwom 33:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Anigyeɛ ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa;+Nnipa a wayi wɔn sɛ n’agyapadeɛ.+
6 Ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wo de wo ayɛ ne man, n’agyapadeɛ titire* wɔ asaase so aman nyinaa mu.+