Leviticus 19:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 “‘Monni me home nna,+ na monni me tenabea kronkron no ni.* Mene Yehowa. Numeri 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, monyi no mfiri mo mu. Monyi no nkɔ asoɛeɛ no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrengu wɔn a mete wɔn mu no asoɛeɛ ho fĩ.”+ Numeri 19:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, wɔnkum* saa onipa* no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ wagu Yehowa kronkronbea ho fĩ. Wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne so, enti ne ho nte.
3 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, monyi no mfiri mo mu. Monyi no nkɔ asoɛeɛ no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrengu wɔn a mete wɔn mu no asoɛeɛ ho fĩ.”+
20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, wɔnkum* saa onipa* no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ wagu Yehowa kronkronbea ho fĩ. Wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne so, enti ne ho nte.