Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 28:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Pam ntaade kronkron ma wo nua Aaron sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ no animuonyam na ne ho ayɛ fɛ.+

  • Exodus 28:39
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 “Fa ahoma papa a wɔde yɛ nwera yɛ ataade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotire na nwene deɛ ɔde bɛbɔ ne mu nso.+

  • Exodus 29:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 “Aaron ntaade kronkron no,+ sɛ wɔsra ne mma+ a wɔbɛdi n’akyi aba no hyɛ wɔn asɔfoɔ a, wɔbɛhyɛ.

  • Exodus 39:27, 28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Afei wɔmaa obi a ɔnwene adeɛ de nwera pa nwenee ntaade tenten maa Aaron ne ne mma,+ 28 na wɔde nwera pa no bi nwenee abotire,+ abotire a wɔadi adwini agu ho,+ ne nika,*+

  • Leviticus 16:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ma no nhyɛ nwera ataade tenten kronkron no,+ na ɔnhyɛ nwera nika*+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera a ɔde bɔ ne mu no+ mmɔ so, na ɔmmɔ nwera abotire no.+ Ɛyɛ ntaade kronkron.+ Ɔmfa nsuo nnware+ ansa na wahyɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane