Leviticus 20:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “‘Monhwɛ nni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm nyinaa so,+ na asaase a mede mo rekɔ so no amfe mo angu.+ Deuteronomium 4:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “O Israel, afei montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na monni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.
4 “O Israel, afei montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na monni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.