Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 19:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na wɔteateaa mu guu Lot so sɛ: “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Fa wɔn bra na yɛne wɔn nna.”+

  • Leviticus 20:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “‘Sɛ ɔbarima ne ne yɔnko barima da sɛdeɛ ɔne ɔbaa da a, wɔn mmienu nyinaa ayɛ akyiwadeɛ.+ Ɛsɛ sɛ wɔku wɔn. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.

  • Atemmufoɔ 19:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Berɛ a wɔgu so regye wɔn ani no, kurom hɔ mmarima akwasampafoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae. Wɔpempem pono no, na wɔkaa no mprɛ pii kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a waba wo fie ha no bra na yɛne no nna.”+

  • Romafoɔ 1:26, 27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Ɛno nti na Onyankopɔn gyaa wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu,+ ɛfiri sɛ wɔn mmaa de nna mu nkitahodie a ɛyɛ ne kwan so no sesaa deɛ ɛnyɛ ne kwan so.+ 27 Saa ara na mmarima no nso gyaa wɔne mmaa nna mu nkitahodie a ɛyɛ ne kwan so no. Wɔmaa wɔn yɔnko mmarima ho akɔnnɔ dɛree wɔ wɔn mu,+ na mmarima ne mmarima yɛɛ aniwudeɛ.* Na asotwe* a ɛfata wɔn bɔne no, wɔnyaa ne nyinaa wɔ wɔn mu.+

  • 1 Korintofoɔ 6:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Anaa monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Onyankopɔn Ahennie?+ Mommma wɔnnnaadaa mo. Adwamammɔfoɔ,*+ abosonsomfoɔ,+ awaresɛefoɔ,+ mmarima a wɔma mmarima ne wɔn da,+ mmarima a wɔne mmarima da,+ 10 akorɔmfoɔ, adufudepɛfoɔ,+ akɔwensafoɔ,+ wɔn a wɔtwa nkurɔfoɔ adapaa,* ne apoobɔfoɔ rennya Onyankopɔn Ahennie no.+

  • Yuda 7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa ho ahyia nso yɛeɛ; adwamammɔ* a ɛyɛ tan ne nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ abofono*+ na wɔkɔdii akyire, na wɔde daa gya twee wɔn aso de yɛɛ kɔkɔbɔ maa yɛn.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane