4“O Israel, afei montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na monni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.
40 Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+