Exodus 28:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Sɛ Aaron reba Yehowa anim a, fa Urim ne Tumim*+ no hyehyɛ atemmuo nkataboɔ no mu na ɛmmɔ ne koko so. Saa adeɛ yi a wɔgyina so si gyinaeɛ ma Israelfoɔ no, ɛsɛ sɛ Aaron ma ɛda ne koko so daa wɔ Yehowa anim. 1 Samuel 23:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Berɛ a Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa efɔd no bra ha.”+ 1 Samuel 28:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Saul bisaa Yehowa anom asɛm,+ nanso Yehowa amfa daeɛ, Urim,*+ anaa adiyifoɔ so amma no mmuaeɛ. Nehemia 7:65 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 65 Amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi ade kronkron paa no+ bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim* akyerɛ.+
30 Sɛ Aaron reba Yehowa anim a, fa Urim ne Tumim*+ no hyehyɛ atemmuo nkataboɔ no mu na ɛmmɔ ne koko so. Saa adeɛ yi a wɔgyina so si gyinaeɛ ma Israelfoɔ no, ɛsɛ sɛ Aaron ma ɛda ne koko so daa wɔ Yehowa anim.
9 Berɛ a Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa efɔd no bra ha.”+
65 Amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi ade kronkron paa no+ bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim* akyerɛ.+