-
Numeri 18:8, 9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfoɔ de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfoɔ de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ 9 Afɔreɛ kronkron paa a wɔde egya hye a ɛbɛyɛ mo kyɛfa nie: Afɔreɛ biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduane afɔreɛ,+ wɔn bɔne ho afɔreɛ,+ ne wɔn afɔdie afɔreɛ.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma.
-