28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifoɔ,+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim atwa akɔ,+ na asaase a wohunuiɛ no, ɔno na ɔbɛma wɔn nsa aka.’
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu.+ Enti frɛ Yosua na mommɛgyina m’anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu na menyɛ no ɔkannifoɔ.”+ Na Mose ne Yosua kɔgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.
23 Afei Onyankopɔn yɛɛ Nun ba Yosua ɔkannifoɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den,+ ɛfiri sɛ wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asaase a mekaa wɔn ntam sɛ mede bɛma wɔn no so,+ na mɛka wo ho berɛ nyinaa.”