14 Akyire yi a Lot tee ne ho firii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafoɔ, apueeɛ ne atɔeɛ, 15 ɛfiri sɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefoɔ*+ afebɔɔ.
3 Tena asaase no so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mahyira wo berɛ nyinaa, na wo ne w’asefoɔ* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+
29 Mo afunu bɛdeda serɛ yi so,+ aane, mo a wɔkan mo a moadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa, mo a monwiinwii tiaa me no nyinaa.+30 Mo mu biara nni hɔ a ɔbɛkɔ asaase a mekaa ntam* sɛ mɛma moatena so no so,+ gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+
14 Nna a yɛde nante firii Kades-Barnea kɔsii sɛ yɛtwaa Sered Bɔn no si mfeɛ 38, na saa berɛ no, ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko no nyinaa ase hyeeɛ, sɛdeɛ Yehowa kaa wɔn ntam no.+