-
Genesis 48:17-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Berɛ a Yosef huu sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim tiri so no, n’ani annye ho, enti ɔyɛɛ sɛ ɔreyi ne papa nsa afiri Efraim tiri so de ato Manase tiri so. 18 Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, ɛfiri sɛ wei ne panin.+ Fa wo nsa nifa to ɔno mmom tiri so.” 19 Nanso ne papa antie, na ɔkaa sɛ: “Menim saa, me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔbɛyɛ kɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no,+ na n’asefoɔ* bɛyɛ sɛ aman pii.”+
-