4 Ɛnna ɔde n’abaawa Bilha maa Yakob wareeɛ, na Yakob ne no daeɛ.+5 Bilha nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob. 6 Ɛnna Rahel kaa sɛ: “Onyankopɔn adi m’asɛm ama me, na watie me nso ama me ɔbabarima.” Enti ɔtoo ne din Dan.*+
25 “Mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no na wɔbɛsi wɔn ntomadan wɔ atifi fam. Dan abusuapanin ne Amisadai ba Ahiesa.+26 N’asraafoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din no dodoɔ yɛ 62,700.+
25 Na mmusuakuo mmiɛnsa asafo a Dan abusuakuo da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafoɔkuo no tui. Wɔn na wɔbɔɔ asafo no nyinaa kyidɔm. Amisadai ba Ahiesa+ na na ɔda n’abusuakuo asraafoɔkuo ano.