19 Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, pepa Amalekfoɔ firi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.
3 Enti kɔ na kɔkunkum Amalekfoɔ+ na sɛe wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa pasaa,+ mfa wɔn ho nkyɛ wɔn,* kunkum wɔn nyinaa,+ ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne deɛ ɔtua nufoɔ ano, nantwie ne odwan, yoma ne afunumu.’”+