Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 17:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ wei wɔ nwoma no mu na ɛnkae mo, na si so dua kyerɛ Yosua sɛ, ‘Mɛpepa Amalekfoɔ, na wɔrenkae wɔn bio da wɔ ɔsoro ase.’”+

  • 1 Samuel 14:47, 48
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 47 Saul maa n’ahennie tim wɔ Israel, na ɔne n’atamfo nyinaa koeɛ: Moabfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Soba+ ahemfo ne Filistifoɔ.+ Na baabiara a ɔkɔeɛ nso, ɔdii nkonim. 48 Ɔde akokoɔduro koeɛ, na ɔdii Amalekfoɔ+ so nkonim, na ɔgyee Israel firii nnipabɔnefoɔ a wɔfom nneɛma nsam.

  • 1 Samuel 15:1-3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Yehowa somaa me maa mebɛsraa wo ngo de wo sii ne man Israel so hene,+ enti tie asɛm a Yehowa reka akyerɛ wo.+ 2 Deɛ asafo Yehowa aka nie: ‘Mɛtua Amalekfoɔ so ka, ɛfiri sɛ berɛ a Israel firi Egypt reba no, wɔsɔre tiaa wɔn wɔ kwan so.+ 3 Enti kɔ na kɔkunkum Amalekfoɔ+ na sɛe wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa pasaa,+ mfa wɔn ho nkyɛ wɔn,* kunkum wɔn nyinaa,+ ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne deɛ ɔtua nufoɔ ano, nantwie ne odwan, yoma ne afunumu.’”+

  • 1 Berɛsosɛm 4:42, 43
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 42 Simeonfoɔ no mu mmarima 500 firii wɔn mu kɔɔ Seir Bepɔ so;+ Pelatia, Nearia, Refaia, ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma na wɔdii wɔn anim ne wɔn kɔeɛ. 43 Wɔkunkum Amalek+ adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane