Atemmufoɔ 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Wɔgyaa Yehowa hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no.+ Na wɔkɔdii anyame foforɔ akyi, aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame.+ Wɔkotoo wɔn, na wɔhyɛɛ Yehowa abufuo.+ 1 Ahemfo 14:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ no abufuo mpo kyɛn wɔn agyanom deɛ.+ 1 Korintofoɔ 10:21, 22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pono”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pono so. 22 Anaasɛ ‘yɛreyɛ biribi de ahuru Yehowa* bo’?+ Yɛn ho yɛ den sene no anaa?
12 Wɔgyaa Yehowa hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no.+ Na wɔkɔdii anyame foforɔ akyi, aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame.+ Wɔkotoo wɔn, na wɔhyɛɛ Yehowa abufuo.+
22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ no abufuo mpo kyɛn wɔn agyanom deɛ.+
21 Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pono”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pono so. 22 Anaasɛ ‘yɛreyɛ biribi de ahuru Yehowa* bo’?+ Yɛn ho yɛ den sene no anaa?