Exodus 20:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Mmɔ korɔno.+ Leviticus 19:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “‘Mommmɔ korɔno,+ monnnaadaa obiara,+ na monntwa mo yɔnko nkontompo. Mmebusɛm 30:8, 9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yi nkontompo ne atorɔ firi me ho kɔ akyirikyiri.+ Mma me ohia anaa ahonyadeɛ. Ma me aduane a ɛbɛso me na menni,+ 9 Na mammee anka sɛ mennim wo, na mammisa sɛ, “Hwan ne Yehowa?”+ Na mma ɛnnhia me, na manwia adeɛ angu me Nyankopɔn din ho fĩ.* 1 Korintofoɔ 6:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 akorɔmfoɔ, adufudepɛfoɔ,+ akɔwensafoɔ,+ wɔn a wɔtwa nkurɔfoɔ adapaa,* ne apoobɔfoɔ rennya Onyankopɔn Ahennie no.+ Efesofoɔ 4:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Mma korɔmfoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa.+ Ɛno bɛma no anya biribi ama deɛ ahia no.+
8 Yi nkontompo ne atorɔ firi me ho kɔ akyirikyiri.+ Mma me ohia anaa ahonyadeɛ. Ma me aduane a ɛbɛso me na menni,+ 9 Na mammee anka sɛ mennim wo, na mammisa sɛ, “Hwan ne Yehowa?”+ Na mma ɛnnhia me, na manwia adeɛ angu me Nyankopɔn din ho fĩ.*
10 akorɔmfoɔ, adufudepɛfoɔ,+ akɔwensafoɔ,+ wɔn a wɔtwa nkurɔfoɔ adapaa,* ne apoobɔfoɔ rennya Onyankopɔn Ahennie no.+
28 Mma korɔmfoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa.+ Ɛno bɛma no anya biribi ama deɛ ahia no.+