-
Yosua 23:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnneɛ monhunu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo* aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu, akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.
-
-
1 Ahemfo 11:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Ɔhene Solomon dɔɔ aman foforɔ so mmaa+ bebree kaa Farao babaa+ no ho. Ná mmaa no firi Moab,+ Ammon,+ Edom, Sidon,+ ne Hitifoɔ+ mu. 2 Aman a wɔfiri mu no, na Yehowa aka akyerɛ Israelfoɔ sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,* na mommma wɔn nso mmma mo mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛdane mo akoma ama moakɔdi anyame foforɔ akyi.”+ Nanso Solomon de ne ho kɔbataa wɔn ho dɔɔ wɔn.
-