20“Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wohunu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɛdɔm pii sene wo a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt asaase so no ka wo ho.+
4 Dawid ko faa n’asraafoɔ 1,700 a wɔtete apɔnkɔ so ne n’asraafoɔ 20,000 a wɔnam fam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa srɛ akyi ntini maa no kaa apɔnkɔ no mu 100.+