7 “Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ɛhia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimuɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ ne so.+
10 Yi wo yam pɛ biribi ma no,+ na ɛnsɛ sɛ woyɛ* no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so, na ɔbɛhyira deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara nso.+
38 Monkɔ so mma, na nkurɔfoɔ bɛma mo.+ Wɔbɛhyɛ susukuruwa ma, amia so, awoso no ama abu so, na wɔde agu mo ntoma mu. Ɛfiri sɛ adeɛ a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”