-
Deuteronomium 29:10-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 “Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina Yehowa mo Nyankopɔn anim; mo ne wɔn a wɔdeda mo mmusuakuo ano, mo mpanimfoɔ, mo atitire, Israel mmarima nyinaa, 11 mo mma, mo yerenom,+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu+ nyinaa, wɔn a wɔkɔ anyina ma mo ne wɔn a wɔkɔ nsuo ma mo nyinaa. 12 Moahyia ha nnɛ sɛ morebɛka ntam wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim na mo ne Yehowa mo Nyankopɔn de ayɛ apam,+ 13 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde mo bɛyɛ ne man+ na ɔno nso ayɛ mo Nyankopɔn,+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ na ɔkaa mo agyanom Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ ntam no.
-