6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso.
20 Naomi ka kyerɛɛ n’ase sɛ: “Yehowa a ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ ateasefoɔ ne awufoɔ no+ nhyira ɔbarima no.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa.+ Ɔyɛ busuani a ɔbɛtumi agye yɛn.”+