Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 1:39, 40
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 Afei ɔsɔfoɔ Sadok faa abɛn a ngo wom+ no firii ntomadan no mu+ na ɔsraa Solomon ngo,+ na wɔfirii aseɛ bɔɔ abɛn maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!” 40 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa tu dii n’akyi, na wɔbɔɔ ntɛntɛbɛn dii ahurisie kɛse paa, na dede no maa asaase wosoe.+

  • 2 Ahemfo 11:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɛnna Yehoiada de ɔhene ba+ no pue baeɛ, na wɔhyɛɛ no ahenkyɛ,* na wɔde Adanseɛ+ nwoma* no too ne tiri so, na wɔsraa no sii no hene. Afei wɔbɔɔ wɔn nsam kaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+

  • 2 Ahemfo 11:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ɔgyina aboboano adum no baako ho sɛdeɛ amanneɛ teɛ yi!+ Saa berɛ no, na mpanimfoɔ no ne wɔn a wɔrehyɛn ntotorobɛnto+ no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurisie na wɔrehyɛn ntotorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataadeɛ mu, na ɔteaam sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!”

  • 1 Berɛsosɛm 12:39, 40
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 Na wɔdii Dawid nkyɛn nnansa; wɔdidii na wɔnomee ɛfiri sɛ na wɔn nuanom asiesie wɔn akyi. 40 Afei nso, wɔn a wɔtete bɛn hɔ de kɔsi Isakar, Sebulon ne Naftali nyinaa de nnuane guu mfunumu, yoma, mfunumupɔnkɔ, ne anantwie so baeɛ; nnuane no bi nie: esiam nnuane, borɔdɔma a wɔabɔ no atɔatɔ, bobe paanoo, bobesa, ngo ne anantwie ne nnwan bebree; ná anigyeɛ aba Israel.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane