19 Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, pepa Amalekfoɔ firi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.
20 Nanso Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Na sɛ́ matie Yehowa nne. Adwuma a Yehowa somaa me sɛ menkɔyɛ no, makɔyɛ, na mede Amalek hene Agag aba, na Amalekfoɔ deɛ, masɛe wɔn pasaa.+
30Ne nnansa so a Dawid ne ne mmarima no bɛduruu Siklag+ no, na Amalekfoɔ+ abɛto ahyɛ anaafoɔ famfoɔ* ne Siklag so, na wɔasɛe Siklag de egya ahye kuro no.