24 Enti ɔpamoo onipa no na ɔde kerubim+ mmienu* ne egya sekan a ɛredɛ na ɛretwa ne ho kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden turo no apueeɛ fam.
27 Ɛnna ɔde kerubim+ no sisii pia mu pia* no mu; ná kerubim no ntaban mu atrɛtrɛ. Kerubim no baako ntaban ka ɔfasuo no, na baako nso deɛ ka ɔfasuo a ɛwɔ ɛfã nohoa no; wɔn ntaban a aka no, wɔatrɛtrɛ mu wɔ ɛdan no mfimfini, na baako ntaban ka baako ntaban.
17 Ɔsusuu ɛpono no atifi, asɔredan no mu ne akyire, ne ɛdan no ho nyinaa hyiaeɛ. 18 Ná wɔayeyɛ kerubim+ ne mmɛdua agu dan no ho nyinaa,+ na abɛdua baako wɔ kerubim mmienu biara ntam; kerubim no biara wɔ anim mmienu.