-
2 Berɛsosɛm 26:18, 19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Ɛnna wɔka sii Ɔhene Usia anim sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhye aduhwam ama Yehowa!+ Asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhye aduhwam, ɛfiri sɛ wɔyɛ Aaron asefoɔ,+ na wɔn na wɔayɛ wɔn kronkron. Firi tenabea kronkron ha kɔ, na woafom; wei remma wonnya animuonyam biara wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”
19 Nanso Usia bo fuu asɔfoɔ no.+ N’abufuo no ara mu na kwata+ fifirii ne moma so wɔ asɔfoɔ no anim. Saa berɛ no, na ɔkura aduhwamhyeɛ adeɛ no, na na ɔwɔ aduhwam afɔrebukyia no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ.
-