15 “Mfeɛ nson biara awieeɛ no, fa ɛka biara kyɛ.+ 2 Ɛho akwankyerɛ nie: Obiara mfa ɛka a ne yɔnko de no no nkyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko anaa ne nua ka, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ berɛ a wɔde ɛka kyɛ wɔ Yehowa anim.+ 3 Wobɛtumi adan ɔhɔhoɔ ka,+ nanso wo nua deɛ, ɛka biara a ɔde wo no, fa kyɛ no.