2 Samuel 12:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ sekan na wode kum no.+ 2 Samuel 12:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Esum mu na woyɛɛ wo deɛ,+ na me deɛ, mɛyɛ no awia ketee ama Israel nyinaa ahu.’” Dwom 94:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?Ɛnkɔsi da bɛn na nnebɔneyɛfoɔ bɛkɔ so adi ahurisie?+ Dwom 94:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔka sɛ: “Yah ani nhunu;+Yakob Nyankopɔn nnim deɛ ɛrekɔ so.”+ Mmebusɛm 30:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔbaa waresɛefoɔ kwan nie: Ɔdidi, ɔpepa n’ano;Na ɔka sɛ, “Menyɛɛ bɔne biara.”+
9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ sekan na wode kum no.+