Ɔsɛnkafoɔ 8:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Afei mesusuu nokorɛ Nyankopɔn no nnwuma nyinaa ho, na mehuu sɛ deɛ ɛkɔ so wɔ wiase no, nnipa ntumi nte aseɛ.+ Sɛ nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ deɛn koraa a, wɔrentumi nte aseɛ. Sɛ wɔka sɛ wɔnim nyansa mpo a, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛtumi ate aseɛ.+ 1 Korintofoɔ 2:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nyansa yi na wiase yi* atumfoɔ no mu biara anhunu,+ na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ animuonyam no.* 1 Korintofoɔ 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Onipa bɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Deɛ ɛwɔ obi tirim deɛ, onii no akoma* nko ara na ɛnim. Saa ara na obiara rentumi nhunu deɛ ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom.
17 Afei mesusuu nokorɛ Nyankopɔn no nnwuma nyinaa ho, na mehuu sɛ deɛ ɛkɔ so wɔ wiase no, nnipa ntumi nte aseɛ.+ Sɛ nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ deɛn koraa a, wɔrentumi nte aseɛ. Sɛ wɔka sɛ wɔnim nyansa mpo a, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛtumi ate aseɛ.+
8 Nyansa yi na wiase yi* atumfoɔ no mu biara anhunu,+ na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ animuonyam no.*
11 Onipa bɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Deɛ ɛwɔ obi tirim deɛ, onii no akoma* nko ara na ɛnim. Saa ara na obiara rentumi nhunu deɛ ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom.