Hiob 34:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ani tua onipa akwan,+Na Ɔhunu anammɔn a ɔtu biara. Mmebusɛm 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,Na ɔhwehwɛ n’akwan nyinaa mu.+ Yeremia 16:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛfiri sɛ m’ani hunu deɛ wɔyɛ nyinaa.* Ɛnhinta me,Na wɔn bɔne nso, ɛso nkataa wɔ m’anim. Hebrifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim. 1 Petro 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+
13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.
12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+