Genesis 6:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti Yehowa hunuu sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na deɛ ɔsusu ho wɔ n’akomam nyinaa yɛ bɔne berɛ nyinaa.+ 2 Berɛsosɛm 16:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa ani kyini asaase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama* wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho.+ Deɛ woayɛ yi deɛ, woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri nnɛ rekɔ, akodie bɛba wo so.”+ Hiob 31:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Adɛn, ɔnhunu m’akwan nyinaa?+Na ɔnkan anammɔn a metuo biara? Mmebusɛm 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,Na ɔhwehwɛ n’akwan nyinaa mu.+ Mmebusɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa ani wɔ baabiara;Ɛhwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ nyinaa.+ Yeremia 16:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛfiri sɛ m’ani hunu deɛ wɔyɛ nyinaa.* Ɛnhinta me,Na wɔn bɔne nso, ɛso nkataa wɔ m’anim. Yeremia 32:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 W’afotuo kyɛn afotuo biara,* na wo nnwuma yɛ akɛseɛ,+ wo na w’ani hwɛ nnipa akwan nyinaa+ sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nnwuma teɛ.+ 1 Petro 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+
5 Enti Yehowa hunuu sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na deɛ ɔsusu ho wɔ n’akomam nyinaa yɛ bɔne berɛ nyinaa.+
9 Yehowa ani kyini asaase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bɛdi ama* wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho.+ Deɛ woayɛ yi deɛ, woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri nnɛ rekɔ, akodie bɛba wo so.”+
19 W’afotuo kyɛn afotuo biara,* na wo nnwuma yɛ akɛseɛ,+ wo na w’ani hwɛ nnipa akwan nyinaa+ sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nnwuma teɛ.+
12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+