Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 6:10-12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo duru asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkuro akɛseɛ fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,+ 11 afie a nneɛma pa ahodoɔ nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wotuiɛ ne bobefuo* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ, na sɛ wodidi mee a,+ 12 hwɛ yie na wo werɛ amfi Yehowa+ a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so baeɛ no.

  • Hiob 31:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Sɛ mede me werɛ hyɛɛ sika kɔkɔɔ mu,

      Anaa meka kyerɛɛ sika kɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na mede me ho ato wo so!’+

  • Hiob 31:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Anka ɛno bɛyɛ mfomsoɔ a atemmufoɔ no bɛtwe m’aso wɔ ho,

      Ɛfiri sɛ anka mapo nokorɛ Nyankopɔn a ɔwɔ soro no.

  • Mmebusɛm 11:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Ahonyadeɛ so remma mfasoɔ abufuo da no,+

      Na tenenee na ɛbɛgye onipa afiri owuo mu.+

  • Mmebusɛm 11:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ so no, ɔbɛhwe ase,+

      Na ateneneefoɔ deɛ, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ ahabammono.+

  • Mmebusɛm 23:4, 5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ.+

      Gyae, na da nteaseɛ adi.*

       5 Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyadeɛ no a, worenhu,+

      Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛfu ntaban te sɛ ɔkɔdeɛ na atu akɔ wiem.+

  • Mateo 6:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 “Monnyae sɛ moboaboa agyapadeɛ ano wɔ asaase so no,+ baabi a nweweboaa* ne nnaakyen sɛe no, na akorɔmfoɔ bubu kɔwia.

  • Mateo 6:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 “Obiara rentumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ ɔbɛtan baako na wadɔ baako,+ anaasɛ ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyadeɛ.+

  • Marko 8:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* a, mfasoɔ bɛn paa na ɔbɛnya?+

  • Luka 12:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ adufudepɛ* biara ho,+ ɛfiri sɛ sɛ onipa nya agyapadeɛ ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”+

  • 1 Timoteo 6:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Ka kyerɛ* wɔn a wɔyɛ asikafoɔ wɔ wiase yi* mu sɛ, wɔnnyɛ ahomasoɔ,* na wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnkyɛ*+ so. Mmom wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn so, deɛ ɔma yɛn nneɛma a yɛhia nyinaa ma ɛboro so+ no.

  • 1 Yohane 2:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, ɔhonam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho* no, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane