Hiob 27:8, 9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Sɛ Onyankopɔn sɛe ɔbɔnefoɔ* a, anidasoɔ bɛn na ɔwɔ,+Sɛ ɔgye ne nkwa* firi ne nsam a, anidasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma no? 9 Sɛ amanehunu ba ne so a,+Onyankopɔn bɛtie ne sufrɛ anaa? Mmebusɛm 15:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yehowa ne abɔnefoɔ ntam kwan ware,Na ateneneefo deɛ, ɔtie wɔn mpaebɔ.+ Mmebusɛm 28:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔntie mmara no,Ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.+ Yesaia 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na sɛ motrɛ mo nsam a,Meyi m’ani hinta mo.+ Ɛwom sɛ mobɔ mpaeɛ bebree deɛ,+Nanso mentie;+Mogya ayɛ mo nsam ma.+ Yohane 9:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefoɔ,+ na sɛ obi suro Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno mmom na ɔtie no.+
8 Sɛ Onyankopɔn sɛe ɔbɔnefoɔ* a, anidasoɔ bɛn na ɔwɔ,+Sɛ ɔgye ne nkwa* firi ne nsam a, anidasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma no? 9 Sɛ amanehunu ba ne so a,+Onyankopɔn bɛtie ne sufrɛ anaa?
15 Na sɛ motrɛ mo nsam a,Meyi m’ani hinta mo.+ Ɛwom sɛ mobɔ mpaeɛ bebree deɛ,+Nanso mentie;+Mogya ayɛ mo nsam ma.+
31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefoɔ,+ na sɛ obi suro Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno mmom na ɔtie no.+