14 Deɛ Yehowa aka nie:
“Egypt mfasoɔ ne nneɛma a Etiopia di ho dwa, ne Sabafoɔ atenten
Bɛba wo nkyɛn, na abɛyɛ wo dea.
Wɔbɛdi w’akyi berɛ a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn.
Wɔbɛba wo nkyɛn na wɔabɛkoto wo.+
Wɔbɛbɔ wo mpaeɛ aka sɛ, ‘Ampa, Onyankopɔn ne wo na ɛwɔ hɔ,+
Na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ.’”