-
Yesaia 14:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Na Yehowa bɛhu Yakob mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan ayi Israel.+ Ɔde wɔn bɛtena* wɔn asaase so,+ na ahɔhoɔ de wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔde wɔn ho afam Yakob fie ho.+ 2 Na nkurɔfoɔ bɛfa wɔn na wɔde wɔn aba wɔn asaase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapadeɛ na wɔayɛ nkoa ne mfenaa+ wɔ Yehowa asaase so. Na wɔn a wɔkyee wɔn kɔeɛ no, wɔn nso bɛkye wɔn bi, na wɔn a wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.
-