-
2 Berɛsosɛm 13:8, 9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 “Na afei mo nso ɛyɛ mo sɛ modɔɔso, na sika nantwie mma a Yeroboam de yɛɛ anyame maa mo no nso ka mo ho, enti mobɛtumi ako atia Yehowa ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no.+ 9 Ɛnyɛ mo na moapamo Yehowa asɔfoɔ,+ Aaron mma no, ne Lewifoɔ no? Mo ara monsisii mo so asɔfoɔ sɛdeɛ amanaman no ayɛ no?+ Obiara de nantwie ba baako ne adwennini nson ba* a, na moayɛ no ɔsɔfoɔ ama anyamehunu.
-