16 Na nkurɔfoɔ a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛto wɔn agu Yerusalem mmɔnten so ɛsiane ɛkɔm ne sekan no nti. Na obiara rensie wɔn,+ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nyinaa. Na mɛhwie mmusuo a ɛfata wɔn agu wɔn so.’+
4 ‘Owuyareɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu,+ nanso obiara rensu wɔn, na obiara rensie wɔn. Wɔbɛyɛ sɛ sumina* wɔ asaase ani.+ Sekan ne ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.’