Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yosua 7:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Sɛ Kaananfoɔ ne asaase no so nnipa nyinaa te a, wɔbɛba abɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔapepa yɛn din afiri asaase so koraa. Deɛn na wobɛyɛ wɔ wo din kɛseɛ no ho?”+

  • 1 Samuel 12:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Na Yehowa din kɛseɛ no nti,+ ɔrennya ne man,+ ɛfiri sɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.+

  • 2 Berɛsosɛm 14:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Na Asa su frɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn+ sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wɔnni ahoɔden.+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo na yɛde yɛn ho ato wo so;+ wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so.+ O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma ɔdasani nnni wo so nkonim.”+

  • Dwom 115:1, 2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 115 Yɛn deɛ, yɛmfata, O Yehowa, yɛmfata;*

      Wo din na hyɛ no animuonyam+

      Ɛsiane wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nti.+

       2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ:

      “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”+

  • Yesaia 48:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  9 Nanso me din nti, mɛtwentwɛn m’abufuo so;+

      M’ayeyie nti, mɛhyɛ me ho so wɔ wo ho,

      Na merenyi wo mfiri hɔ.+

  • Yeremia 14:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Yɛn ankasa yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn,

      Nanso, O Yehowa, wo din nti yɛ ho biribi.+

      Ɛfiri sɛ yɛn mmarato adɔɔso,+

      Na wo na yɛayɛ wo bɔne.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane