15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnhwɛ ne hia ho nnkɔgyina n’afã, na moredi ɔdefoɔ asɛm nso a, monnhwɛ ne sika ho nnkɔgyina n’afã.+ Mommu atɛntenenee mma mo yɔnko.
8 Sɛ wohunu sɛ obi hyɛ ohiani so, na ɔkyea atemmuo, na ɔdane tenenee ani wɔ wo mantam mu a, mma ɛnnyɛ wo nwanwa.+ Ɛfiri sɛ saa panin no, obi a ɔkorɔn sene no rehwɛ no, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔkorɔn sene wɔn.