4 Enti Mose twerɛɛ Yehowa nsɛm no nyinaa.+ Afei adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔsɔre sii afɔrebukyia, na ɔsii adum 12 a ɛgyina hɔ ma Israel mmusuakuo 12 no wɔ bepɔ no ase.
8 Me ne no kasa animu ne animu*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebuo mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”