6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso.
2 Enti ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekaeɛ no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na medwanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ na ɛha wo sɛ wobɛma amanehunu aba.