-
Leviticus 16:21, 22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Aaron mfa ne nsa mmienu ngu apɔnkyenini no apampam, na ɔnka Israelfoɔ mfomsoɔ nyinaa, wɔn mmarato nyinaa, ne wɔn bɔne nyinaa ngu apɔnkyenini no tiri so,+ na ɔmfa no mma ɔbarima a wɔayi no sɛ ɔmfa no nkɔ no,* na ɔnkɔgyaa no wɔ serɛ so. 22 Ma no nnyaa apɔnkyenini no wɔ serɛ no so, na apɔnkyenini no nsoa wɔn bɔne nyinaa+ nkɔ serɛ no so.+
-