-
Asomafoɔ Nnwuma 7:4, 5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Enti ɔfirii Kaldeafoɔ asaase so kɔtenaa Haran. Berɛ a ne papa wuiɛ no,+ Onyankopɔn maa no tu firii hɔ, na ɔbɛtenaa asaase a mote so seesei yi so.+ 5 Nanso wamma no bi sɛ agyapadeɛ. Daabi, wamma no baabi a ɔde ne nan bɛsi mpo. Mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapadeɛ, na n’akyi no, ɔde bɛma n’asefoɔ.*+ Nanso saa berɛ no, na ɔnni ba.
-