4 Ɛnna ɔgye firii wɔn hɔ, na ɔnane de dadeɛ a wɔde di adwini yɛɛ ho adwuma maa no yɛɛ nantwie ba honi.*+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asaase so.”+
12 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre firi ha kɔ ntɛm, ɛfiri sɛ wo nkurɔfoɔ a wokɔyii wɔn firii Egypt no reyɛ abusudeɛ.+ Wɔamane ntɛm afiri ahyɛdeɛ a mede ama wɔn no ho. Hwɛ, wɔayɛ dadeɛ honi.’*+